Numbers 28

Afɔrebɔ Ahorow

1 Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 2“Ka kyerɛ Israelfo se, ‘Monhwɛ na momfa mʼaduan afɔre mmrɛ me wɔ ne bere ano sɛ ehua a ɛsɔ mʼani.’ 3Ka kyerɛ wɔn se, ‘Eyi ne aduan afɔre a ɛsɛ sɛ mode brɛ Awurade: nguamma abien a wɔadi afe a dɛm nni wɔn ho; momfa mmra sɛ daa ɔhyew afɔre. 4Momfa oguamma no baako mmɔ afɔre anɔpa na momfa ɔbaako mmɔ anwummere, 5na momfa aburow lita abien ne fa a wɔayam no muhumuhu na wɔde ngo lita baako afra nka ho. 6Eyi ne ɔhyew afɔre a wofii ase wɔ Sinai Bepɔw so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no bere ano bere ano ma eyi hua. Ɛyɛ aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade. 7Ɛsɛ sɛ wɔde ɔnom afɔrebɔde a ɛyɛ nsa a apae lita baako a oguamma ka ho ka afɔrebɔde no ho a wobehwie agu beae bi a ɛhɔ yɛ kronkron wɔ Awurade anim. 8Momfa oguamma a ɔto so abien no mmɔ afɔre anwummere a atoko ne nsa afɔrebɔ ka ho. Ɛno nso yɛ Awurade huam. Ɛyɛ ɔhyew afɔre.’ 

9“ ‘Sɛ edu homeda a, momfa nguantenmma a wɔadi afe a wonnii dɛm biara ne afɔrebɔde ahorow a ɛsɛ sɛ mode ka ho no mmɔ afɔre. Ɛsɛ sɛ atoko afɔrebɔde lita anan ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra a nsa ka ho saa ara na wɔde bɔ saa afɔre no. 10Eyi ne ɔhyew afɔre a wɔbɔ no homeda biara de ka bere ano ɔhyew afɔre ne nsa afɔre ho no.

11“ ‘Saa ara nso na da a edi kan wɔ ɔsram biara mu no, ɛsɛ sɛ mobɔ ɔhyew afɔre foforo bi ka ho de ma Awurade. Afɔrebɔde no bɛyɛ nantwinini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm biara. 12Nantwinini biara no, ɛsɛ sɛ mode ka ho ne asikresiam lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu de ngo afra. Afei, mode asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita anan ne fa a wɔde ngo afra bɛbɔ aburow afɔre a Odwennini no ka ho; 13na oguamma biara nso, mode asikresiam lita abiɛsa. Eyi bɛyɛ ɔhyew afɔre a ɛsɔ ani, aduan afɔre a wɔbɔ ma Awurade. 14Nantwi biara, nsa afɔrebɔde lita abien ka ho. Odwennini biara, nsa afɔrebɔde lita baako ne fa ka ho. Oguamma biara nso, nsa afɔrebɔde lita baako ka ho. Afe mu no, eyi na ɛbɛyɛ ɔhyew afɔre wɔ ɔsram biara mu. 15Mo bere ano bere ano ɔhyew ne nsa afɔrebɔ akyi no, ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɛbɔ bɔne ho afɔre ma Awurade.

16“ ‘Ɛsɛ sɛ mudi Awurade Twam Afahyɛ no afe biara sram a edi kan no da a ɛto so dunan no so. 17Da a edi so no, mubefi ase adi afahyɛ; munnni brodo a mmɔkaw wɔ mu nnanson. 18Afahyɛ no da a edi kan no, nnipa no nyinaa bɛbɔ ahotew gua na obiara renyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 19Momfa nantwimma anini abien, Odwennini baako ne nguantenmma ason a wɔadi afe a wonnii dɛm mmɛbɔ ɔhyew afɔre ama Awurade. 20Mode esiam muhumuhu lita ason a wɔde ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Afei, mode esiam lita anum bɛka odwennini no ho, 21na nguanten ason no biara nso, mode esiam lita abiɛsa aka ho. 22Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔre sɛ mpata ma mo ho. 23Momfa saa afɔrebɔde yi nka nea daadaa mobɔ no ho. 24Momfa saa kwan yi so mmɔ aduan afɔre da biara saa ara nnanson sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani; ɛsɛ sɛ mobɔ ka ɔhyew afɔre ne nsa afɔre a mobɔ daa no ho. 25Da a ɛto so ason no, monyɛ nhyiamu kronkron na monnyɛ adwuma a ɛyɛ den biara.

26“ ‘Aduankan da no a wɔfrɛ no Nnaawɔtwe mu Afahyɛ anaasɛ Pentekoste no, ɛsɛ sɛ nnipa no nyinaa de kronkronyɛ sononko hyia, de di Otwabere Afahyɛ no. Da no, ɛsɛ sɛ mode mo mfuw mu nnɔbae foforo bɛbɔ Awurade aduan afɔre. Ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma a ɛyɛ den biara. 27Momfa nantwimma anini abien, odwennini baako ne nguantenmma anini ason mmɛbɔ ɔhyew afɔre sɛ ehua a ɛsɔ Awurade ani. 28Mode mo aburow lita asia ne fa a wɔayam no muhumuhu a mode ngo afra bɛka nantwi baako biara ho. Mode lita anan bɛka Odwennini no ho; 29na mode lita abiɛsa bɛka nguantenmma ason no biara ho. 30Momfa ɔpapo baako na wɔmfa nyɛ mpata mma mo. 31Saa afɔre ahorow yi ka daa ɔhyew afɔre, aburow afɔre ne nsa afɔre no ho. Monhwɛ sɛ mmoa a mode wɔn bɛbɔ saa afɔre no nnii dɛm biara ɛ.
Copyright information for TwiAKNA